ECW Osuani Nhoma  

Yɛma wo akwaaba ba Early College Worcester! Yɛn ani agye paa sɛ wosii gyinae sɛ wobɛka dwumadie no ho na wahu sɛ kɔlɛge, ntɛm. Early Kɔlɛge Worcester (ECW) ne Worcester Public Schools (WPS), Quinsigamond Community College (Quinsigamond Mpɔtam Kɔlɛge (QCC), ne Worcester Ɔman Sukuupɔn (WSU) aka abom na ama wo kwan, sɛ Worcester Public School osuani, sɛ yɛ kɔlɛge kɔsses wɔ wo ntoaso sukuu mu ne QCC ne WSU.

Saa osuani nhoma yi wɔ nsɛmhia bi a ɛboa wo na wohwehwɛ dwumadie ahorow no mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan Nhoma yi afa nyinaa. Wobetumi ahuruw akɔ ɔfa a wobehia paa no abere a wode indɛx no di dwuma no. Sɛ wowɔ nsɛmmisa biara a, kɔntat wo sukuu futufoɔ no ne Early Kɔlɛge Worcester dwumadie.

Worehyehyɛ ahyɛ ase pa ama wo daakye na yɛn ani sɔ wo paa!

Early Kɔlɛge Worcester – Fi Ase Seesei! Wie Ahoɔden Mu!



Deɛn ne Early Kɔlɛge Worcester (ECW)?

Sɛ wopɛ nsɛm pii afa ECW ho a, kɔ yɛn Ɛfa yɛn ho afa hɔ.


ECW Akwammisa & Klases Din Kyerɛw

ECW Akwammisa

Ansa na asuafo betumi akyerɛw wɔn din ama kɔlɛge kɔses denam ECW so no, ɛsɛ sɛ wodi kan bisa akwanya ma dwumadie no ansa na wɔn afa no. Ɛsɛ sɛ asuafo di kan ne wɔn sukuu futufoɔ no kasa fa mfasoɔ a ɛwɔ dwumadie no so ne asɛyɛdeɛ a ɛbata ho. Sɛ osuani bi bisa akwanya no na wɔfa no pɛ ne nsa bɛka adesua nneɛma pii ne mmoa dwumadie pii nso. Ahwehwɛdeɛ biara nni hɔ ansa na obi akyerɛw ne din ama kɔss bi na w’anya ECW nneɛma so mfasoɔ. Sɛ woyɛ ECW suani nkoaa a wo nsa bɛka saa nneɛma yi.

Kɔses Din Kyerɛw

Sɛ yɛfa wo pɛ, wobetumi afi ase ayɛ kɔses denam ECW so. Wobetumi afa kɔs baako anaa nea ɛboro saa semɛsta biara. Bio nso, semɛsta bi wɔ hɔ a wopɛ a woremfa kɔlɛge kɔs biara. Semɛsta biara kɔ no sesa. Mesrɛw hwɛ yɛn seesei kɔs a ɛwɔ QCC ne WSU.

ƐHO HIA – Wone wo futufoɔ no nkasa ansa na wafa kɔs biara. Wode nsɛm a ɛfa kɔs no mu nsɛm, sɛnea emu gu fa, ne sɛnea emu yɛ den fa bɛma wo. Afei nso, kɔ nsɛm afa dwumadie a ECW de ma, hwɛ nsɛm afa nhyehyɛe no.

Din kyerɛw Da a Etwa Toɔ:

Osutɔ Bere Klasses, Ayɛwohomumɔ 1
Osusow Bere Klasses Ɔpɛnimaa 1
Ahuhuro Bere, Oforisuo kosi Kɔtɔnimaa, (Kosi sɛ klas no bɛyɛ ma)


ECW Kɔs Ahorow

Sɛ wopɛ sɛ wohu seesei kɔses a, mesrɛw kliki ha. ECW Kɔses Afa


Mfasoɔ a Ɛwɔ ECW & Sukuuni Asɛyɛdeɛ Ho

ECW bɛma w’anya mfasoɔ pii, nanso sɛ ECW osuani no wosan wɔ asɛyɛdeɛ ahorow bi.

Osuani Mfasoɔ Ahorow

  • Wobenya krɛdits wɔ QCC ne/anaa WSU transkript so

  • Wonya benya ahotosoɔ sɛ kɔlɛge suani

  • Wobɛkɔ nhomasua, sohyia, ne adwuma wɛkshɔp ahorow, akwantuo ahorow, na wobenya suahu ahorow nso

  • Wobetie akasafo a wokyerɛ sɛnea wɔfaa kɔlɛge no mu

  • Wobenya hokwan akɔ akannifoɔ adesua

  • Wobesua pii afa sɛtifikate, akwanya, degrees, ne majɔs ho

  • Wobetumi ne wo early kɔlɛge futufoɔ a ɔwɔ wo ntoasoɔ sukuu mu no akasa na ɔde nsɛm bɛboa wo na wobenya wo-ne-me-ne afutuo nso

Osuani Asɛyɛdeɛ & Nea Ɛsɛ Osusuw Ho

  • Kɔlɛge klass hwehwɛ sɛ wode nnɔnhwerew foforo besua ade a ɛnyɛ sukuudan mu de, ɛsene ntoasoɔ sukuu klass. Wo ne wo futufoɔ no nhyia na sua pii fa nea wɔhwehwɛ fa wo ho no ho ne sɛnea kɔs biara mu gu anaa emu yɛ den ho.

  • Ɛyɛ asuafo asɛyɛdeɛ sɛ wodu bere a wɔde ama wɔn no ho. Wɔ kɔlɛge no bere a wode bɛdrɔpe klasses bi ne nea wode befi klasses bi mu no yɛ kyenkyenee. Sɛ wopɛ sɛ wo drɔpe klass bi esiane sɛ grades enti anaasɛ w’ani ngye kɔs no ho a, ɛsɛ sɛ wo drɔpe kɔs no wɔ bere ano, enti saa a wobehu grade a wompɛ no wɔ wo transkript so.

  • Wohwɛ kwan sɛ asuafo bɛyɛ wɔn ade sɛ kɔlɛge asuafo. Nea wei kyerɛ ne sɛ wɔbɛba wɔ bere ano, wɔbɛyɛ aso atie, wɔbɛyɛ dwumadie nyinaa, na wone wo Ɔbenfo no akasa ano ne ano ne emɛɛl so wɔ obuo mu. Hwɛ Osuani Abrabɔ Gyinapɛn: QCC | WSU


Wobɛdrɔpe Kɔs ne Sɛ Wobefiri Mu

Sɛ wokyerɛw wo din ma kɔs bi a, wobetumi asi gyinae sɛ kɔs no nyɛ nea wopɛ na enti wopɛ sɛ wo drɔpe. Wone wo Ɔbenfo no ne wo sukuu futufoɔ no nkasa nhwɛ sɛ kɔs no a wobɛdrɔpe no ye ma wo anaa. Sɛ wosi gyinae sɛ wobɛdrɔpe kɔs no a, mesrɛw fa email mane wo sukuu futufoɔ no ne afei nea ogyina kɔlɛge a woyɛ kɔs no wɔ hɔ no anan mu. QCC – Andy Kupec ne Kerry Berry, WSU – Robert Jennings

Drɔpin ne Wo Ho a Wobɛtwe no yɛ nneɛma ahorow mmienu. Nea drɔpin kyerɛ ne sɛ worefi klass hɔ ntɛm (ansa na n’awɔtwe X), Wobetwe wo ho kyerɛ sɛ worefi klass hɔ akyire (wɔ n’awɔtwe X akyi). Sɛ wo drɔpe kɔs a (wogyae ntɛm), ɛmma wo kɔlɛge transkrip so sɛ wo kyerɛw wo din maa kɔs no. Sɛ wotwe wo ho firi kɔs bi mu a (wogyae akyiri), Ɛbɛba wo kɔlɛge transkript no so W (M’atwe me ho). Ɛnka wo GPA (grade mma nkyekyɛm) anaa ɛmfa bi mmɛka wo krɛdit nyinaa ho. Yaka wei awie no sɛ W pii wɔ wo transkript so a ɛnyɛ ade pa. Enti sɛnea ɛbɛyɛ a ɛma saa no, wone wo Ɔbenfo no nkasa ntɛm sɛ wowɔ nsɛmmisa anaa ɔhaw biara fa kɔs no ho a.

Hwɛ nhomasua kalɛnda no wɔ QCC ne WSU na hu da a etwa to ma Fa Ka Ho/Drɔpe ne Twe wo ho no. Sɛte kae me wɔ wo kalɛnda no so nso, ebia na ɛho abehia.


Dwumadie Ɛka

Early Kɔlɛge Worcester yɛ Ɔman dwumadie a wɔn ahyehyɛ, nea wei kyerɛ wontua hwee! Asoɛ a Ɛhwɛ Ɛlemɛntary ne Ntoasoɔ Sukuu Nhomasua So (DESE) de sika no bi ma QCC ne WSU na QCC ne WSU nso fa ka a aka no. Hwɛ ECW sɛ wo kɔlɛge a edi kan sokɔlaship!

QCC, WSU, ne WPS ma wo akwaaba sɛ bɛka wo ECW mpɔtam ho.


QCC & WSU Adesua Nneɛma & Akwanya

Sɛ ECW osuani no wobenya adesua nneɛma pii.

ECW Osuani Mmoa Invɛntory ma wonya  nhomasua , sohyia, nkate, ne aduane banbɔ nneɛma a ɛho hia paa denam QCC, WSU, ne Worcester Mpɔtam no so.  ECW Osuani Mmoa Invɛntory

Tɛknologi Nneɛma wɔ hɔ na ɛho hia ma klasses bi.

KyerɛwPono yɛ adesua nneɛma a ɛho hia a wo kɔlɛge kɔses dodow no ara de bedi dwuma. Intanɛt so nneɛma ne mmoa afoforo wɔ hɔ ma asuafo a wɔwɔ kɔlɛge biara. Wobetumi asua pii afa KyerɛwPono ne nneɛma afoforo ho wɔ ha: QCC | WSU

ECW Mobaal App nneɛma a ɛho hia paa no bi na na wobehu kalɛnda a dwumadie titiriw, QCC ne WSU adehwehwɛ, ne nneɛma afoforo wɔ so. Wɔde nkaebɔ nso fa so mane asuafo na akae wɔn da a dwumadie bi ba awiei ne dwumadie titiriw. Twe app no bi abere a wo kliki anaa wo skane QR Kodes a  ɛwɔ aseɛ ha no.


Asuafo a Wɔn Adi Dɛm/Wohia Dabere

So wowɔ IEP anaa 504 nhyehyɛe wɔ wo ntoasoɔ sukuu mu? Ɛsɛ sɛ wone wo osuani dɛmdie mmoa dwumadie benfo a ɔwɔ kɔlɛge a woreyɛ kɔs no nkasa.

Quinsigamond Mpɔtam Kɔlɛge – Osuani Dɛmdie Mmoa Dwumadie

Worcester State University – Osuani Dɛmdie Mmoa Dwumadie

Mesrɛw Hyɛ No Nso!

  • IEP ne 504 nhyehyɛe ma dabere wɔ ntoasoɔ sukuu mu wontumi mfa nkɔ kɔlɛge na ebetumi ayɛ soronko wɔ kɔlɛge.

  • Ɛyɛ wo asɛyɛdeɛ sɛ osuani no wobisa dabere - ɛnyɛ ntoasoɔ sukuu no anaa w’awofo/ɔhwɛfo.

  • Ɛsɛ sɛ osuani biara hyehyɛ nkrataasɛm fa ne dabere ho semɛsta biara a wɔyɛ kɔs bi.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔntat dɛmdie mmoa dwumadie no na hyia abenfo a wɔpɛ nnipa asɛm no mu baako na wone no nsusuw dabere ho.


Osuani Abrabɔ Gyinapɛn

Sɛ ECW Osuani no yɛma wo akwaaba abɛka QCC ne WSU mpɔtam. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa mfasoɔ wobenya wɔ campus biara mu no di dwuma. Yɛhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ w’adeɛ sɛ kɔlɛge osuani a ne ho akokwa, a nea ɛka ho ne sɛ wɔbɛyɛ krado wɔ sukuudan mu, wobesiesie wo ho yiye ansa na waba sukuudan mu, wobebu afoforo, na wabua na yasi mpɔtam bi a obuo wom. Nea edi “Golden Rule” no akyi no – Wone afoforo nni sɛnea wopɛ sɛ wɔne wo di – wei yɛ afutuo pa wɔ asetra afa nyinaa. Dwene ho hwɛ sɛ wone onipa foforo no a - ɔbenfo no, aduanenoa adwumayɛfo, ne osuani a ɔte bɛn wo – na boa na yensi mpɔtam no nyinaa mmom. Yenim sɛ wobɛyɛ saa!

Yaka wei awiei no, ɛyɛ wo asɛyɛdeɛ sɛ wobɛkenkan na w’ate abrabɔ gyinapɛn ase wɔ QCC ne WSU.

QCC Osuani Abrabɔ Gyinapɛn

WSU Osuani Abrabɔ Gyinapɛn


Akwammisa wɔ QCC ne WSU sɛ Opanyin

Sɛ ECW Osuani no wanya kɔlɛge krɛdit wɔ QCC ne WSU. Nea edi hɔ bio ne sɛ wobebisa kwan akɔ kɔlɛge na wonya sɛtifikate, assohyiate degree, ne/anaa bakyila degree. Ɛyɛ papa sɛ wone wo sukuu futufoɔ no kasa na wosua pii fa saa akwan no ho - wɔyɛ animdifoɔ na akwan no hwehwɛ nkitahodie. Wei wɔ w’adwenem no, yɛpɛ sɛ yɛkɔnɛte wo ma nneɛma a ehia mmiensa.

Commonwealth Mmoa – Sika a wobetua ama kɔlɛge no ayɛ mmerɛ! Sua pii fa sika kakraa a wotua ne sika a wɔsan nya bio abere a obi anya bakyila degree.

QCC Akwanya – Sua pii fa ahwehwɛdeɛ, nsɛm afa, na bisa kwan kɔ QCC

WSU Akwanya – Sua pii fa ahwehwɛdeɛ, nsɛm afa, Akwanya Sika Mmoa Dwumadie (waived app sikatua, waived akwanya afa, ne nea ɛkaka ho), na bisa akwanya kɔ WSU


QCC & WSU krɛdit a yɛde kↄ kↄlɛge foforo mu

So wopɛ sɛ wode krɛdit a wonyae wↄ ECW no kↄ kↄlɛge foforo? Sɛ wopɛ sɛ wote ase yiye a, sɛ wonyaa krɛdit wↄ QCC anaa WSU a, sukuu a wonyae wↄ no ɛda hↄ retwɛn wo. Sɛ wopɛ sɛ wode krɛdit bi fi kↄlɛge bi mu kↄ foforo mu a, ɛsɛ wobisa ofisial transkript firi QCC ne/anaa WSU (baabi a wonyaa wo krɛdits no) na afei wↄde transkript no kↄ kↄlɛge a wobɛkↄ no.

Krɛdit ahorow a wanya denam Mfiaseɛ Kↄlɛge Worcester so no wↄde kↄ Massachusetts mantam kↄlɛge ne sukuupↄn ahorow a ɛwↄ kↄↄs ne dwumadie ahorow koro no ara. Hwɛ mantam no sukuu ahorow wↄ ha.

Sɛ wayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkↄ ankorankoro sukuupↄn wↄ Massachusetts anaa sukuupↄn a ɛnni Massachusetts, mesrɛw frɛ wↄn dinkyerɛw ofise na hwɛ sɛ wobetumi de wo QCC ne WSU krɛdits no amane anaa. Ma wonhu sɛ wowↄ ofisial transkript a efiri QCC ne /anaa WSU a ɛwↄ krɛdits a wonyae abere a na wowↄ ntoasoↄ sukuu no. Sua pii fa wↄn transfɛɛ nhyehyɛe no ho ansa na wa aply - ɛbɛboa wo ma wasi gyinae afa baabi a wobɛ aply akↄ.

Bisa QCC Transkript

Bisa WSU Transkript


Nneɛma Pa a Ɛsɛ Sɛ Woyɛ

Kɔlɛge yɛ baabi foforo koraa na wei yɛ nneɛma pa a wobetumi ayɛ na aboa wo ma w’adi nkonim wɔ klass.

  • Kɔ klass 100%

  • Kenkan wo silabɔs, wei bɛkyerɛ wo dwumadie ahorow, nna a dwumadie bi ba awiei, ne kɔntat nsɛm

  • Hwɛ wo emɛɛl mu da biara (ɔbenfo no betumi de emɛɛl amane wo)

  • Wo ne wo ɔbenfo no nkasa wɔ klass akyi, wɔ intanɛt so, anaa denam emɛɛl so. Ka nea w’ani gye ho kyerɛ wɔn na bisa wɔn nsɛmmisa fa nea wonte ase ho.

  • Wo ne wo sukuu futufoɔ anaa ɔboafo no nni nkitaho daa (sɛ klass no wɔ ɔboafo a).

  • Wo ne wɔn a ɛwɔ wo klass no mfa nnamfo na wone afoforo nsusuw klass adesua no ho, bisa obi hɔ nea wɔn akyerɛw sɛ wo to klass mu a, na monsua ade mmom.


Kɔlɛge Nsɛmfua

Ɛtɔ da a nea ebetumi ayɛ osiakwan kɛse ne sɛ wobɛte nsɛmfua a kɔlɛge abenfo ne atikyafo de di dwuma a wosusuw sɛ wote ase no. Nea ebetumi akyere w’adwene na edidisoɔ no.

GPA – Wo GPA yɛ Grade Mma Nkyekyɛm. Nea wei kyerɛ ne wo grade a wanya nyinaa a wɔn akyekyɛm pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso, sɛ wonya A wɔ Nkontaa 101 mu na wonya B+ wɔ Psychology a, wo GPA no bɛyɛ A-, nanso nnipa dodoɔ no ara bɛka sɛ wo GPA no yɛ 3.7. Grade ahorow wɔ kɔlɛge, A kosi F, wɔdane no nɔmas wɔ nsenia so firi 4.0 kosi 0.0. Kenkan wo silabɔs no na bisa wo benfo no nea grade nsenia yɛ ma wo klass pɔtee no. 

Lɛkya – Lɛkya no yɛ adesua no fa no a ɔbenfo no kyerɛ wo ade denam nkyerɛkyerɛ mu so. Yɛhwɛ kwan sɛ wobɛma ɔbenfo no kwan na wɔ klass a wonsiw no kwan. Sɛ wowɔ asɛmmisa bi a, ma wo nsa so na bisa.

Silabɔs – Silabɔs yɛ nkrataa bi a ɔbenfo no yɛ a ɛkyerɛkyerɛ klass no mu, nea ɛka ho ne: kɔs nkyerɛkyerɛ mu, adesua botae ahorow, dwumadie ahorow, sɔhwɛ, gradin nsenia, akenkan a wohia sɛ wokan, dwumdie bi awiei, ne n’awɔtwe biara asɛmti. Abenfo pii de wɔn silabɔs no to KyerɛwPono no so na ɔde bi ma klass no. Kenkan silabɔs no da a edi kan a wobɛba klass no. Sɛ wowɔ asɛmmisa bi a, bisa ɔbenfo no.

Transkript – Wɔ Ntoasoɔ sukuu no wowɔ repɔt kad, wɔ kɔlɛge no wowɔ transkripts. Ɛyɛ wo klass no kyerɛwtohɔ, krɛdit dodoɔ ma kɔs biara ne krɛdit nyinaa a w’anya afiri klases nyinaa mu, ne wo GPA.

Sɛ wowɔ nsɛmmisa bi na wonte asɛmfua bi anaa asɛm bi ase wɔ klass a, bisa wo ɔbenfo no. Sɛ wonte ase a, ebetumi aba asɛ asuafo a wɔwɔ klass hɔ no nyinaa nso nte ase.


Yɛn ani agye wo ho sɛ watu anammɔn kan a ɛde wo bɛkɔ kɔlɛge! Wei yɛ anigye ne akwanya a emu yɛ den kakra. Yɛwɔ ha sɛ yɛbɛboa wo ma w’adi nkonim! Sɛ wowɔ asɛmmisa biara a ka kyerɛ yɛn.